Uploaded By
VIEW PROFILE
651 Followers
Hena by Note 6
LYRICS
STANZA 1
Nyame, w’akwan dɔɔso pii
‘Dasani biara nhu mu yie, Nyame wo nnwuna yɛ hu,
Ɛyɛ den sɛ mɛti wo nnwuma ase.
Nti ma mennɔ wo nkotoo.
W’akwan ɛdɔɔso ma ɔdasani nti wo wɔ aseda,
wo na wo yɛ ahen mu hen, enti yɛbɛ som wo daa
CHORUS
Hena na ɔte sɛ wo
Hena na ɔte sɛ wo (unison)
Wo na woka na woyɛ obiara nte sɛ wo
STANZA 2
Ɔsoro ka w’anuonyam, na ewiem ky’rɛ wo nsa ano adwuma,
Wiase nyinaa yɛ wode.
Ɛyɛ wode daa.
Hena na ɔne wo p’re ade?
Hena na ɔne wo di asie, ɛyɛ no na me koto daa, ɛyɛ wode daa.
CHORUS
Hena na ɔte sɛ wo
Hena na ɔte sɛ wo (unison)
Wo na woka na woyɛ obiara nte sɛ wo
(Ta tara ri aa ta oo....tata rari aa... ta ooo ooo)
Hena na ɔte sɛ wo, Hena na ɔte sɛ wo
Hena na ɔte sɛ wo ooo.....
Wo na wo ka na woyɛ,
Obiara nte sɛ wo, obiara nte sɛ wo (3x)
- Release Date:April 9, 2021Ⓡ
- Producer:Thommy Chimine TR
- Genre:




